1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ
2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,
3 Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;
4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ
5 Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee
6 Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a
7 Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo
8 Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;
9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?
10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;
11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu
12 Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;
13 Mede mʼano ka mmara
14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so
15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho
16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;
17 Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;
18 Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a
19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;
20 Me kra tɔ baha ɛberɛ biara
21 Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,
22 Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,
23 Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,
24 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ
25 Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.
26 Mesesee mʼakwan na wogyee me so;
27 Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;
28 Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;
29 Yi me firi nnaadaa akwan so;
30 Mafa nokorɛ kwan no so;
31 Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden
32 Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,
33 Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,
34 Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,
35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no
36 Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho
37 Yi mʼani firi nneɛma hunu so;
38 Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,
39 Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,
40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!
41 Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,
42 Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,
43 Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,
44 Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara
45 Mede ahofadie bɛnante
46 Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim
47 ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho
48 Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,
49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,
50 Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:
51 Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,
52 Ao Awurade mekae wo tete mmara no,
53 Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ
54 Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban
55 Ao Awurade, anadwo mekae wo din,
56 Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,
57 Ao Awurade, wone me kyɛfa;
58 Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;
59 Madwene mʼakwan ho
60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn
61 Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me
62 Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo
63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,
64 Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;
65 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie
66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,
67 Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,
68 Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;
69 Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,
70 Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,
71 Ɛyɛ sɛ mehunuu amane
72 Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me
73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;
74 Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,
75 Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene,
76 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ
77 Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,
78 Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,
79 Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,
80 Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,
81 Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,
82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;
83 Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,
84 Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?
85 Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,
86 Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;
87 Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,
88 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
89 Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa;
90 Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
91 Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,
92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,
93 Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,
94 Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;
95 Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,
96 Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;
97 Ao medɔ wo mmara no!
98 Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,
99 Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,
100 Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,
101 Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so
102 Memmane memfirii wo mmara ho,
103 Wo nsɛm yɛ me dɛ,
104 Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;
105 Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea
106 Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ
107 Mahunu amane bebree;
108 Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,
109 Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,
110 Amumuyɛfoɔ asum me afidie
111 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;
112 Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so
113 Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,
114 Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;
115 Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,
116 Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;
117 Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;
118 Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,
119 Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;
120 Wo ho suro ma me ho popo;
121 Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.
122 Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;
123 Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,
124 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ
125 Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu
126 Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;
127 Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm
128 na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti
129 Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;
130 Wo nsɛm ase teɛ ma hann;
131 Mebue mʼanom na megu ahome,
132 Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ
133 Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
134 Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,
135 Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so
136 Nisuo adware me sɛ asutene
137 Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,
138 Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;
139 Abufuo ahyɛ me ma,
140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,
141 Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,
142 Wo tenenee wɔ hɔ daa
143 Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,
144 Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;
145 Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,
146 Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa
147 Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;
148 Mʼani gu so anadwo nyinaa,
149 Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;
150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,
151 Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,
152 Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ
153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa
154 Di mʼasɛm ma me na gye me.
155 Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,
156 Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;
157 Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,
158 Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,
159 Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;
160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;
161 Sodifoɔ taataa me kwa,
162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho
163 Mekyiri nkontompo
164 Mekamfo wo mprɛnson da biara
165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,
166 Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ,
167 Medi wʼahyɛdeɛ so
168 Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,
169 Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;
170 Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;
171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;
172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,
173 Yɛ ahoboa bɛboa me,
174 Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,
175 Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,
176 Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.