1 Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete;
2 Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no,
3 Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye
4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.
5 Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn
6 Ɔma onnibie tena mmusua mu,
7 Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim,
8 asase wosoeɛ,
9 Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn,
10 Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so.
11 Awurade kaa asɛm no,
12 “Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so;
13 Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no,
14 Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no,
15 Basan mmepɔ gyinagyina hɔ,
16 Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem
18 Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no,
19 Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa,
20 Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa;
21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti,
22 Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba;
23 na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu
24 Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,
25 Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu;
27 Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn;
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti
30 Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim,
31 Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba,
32 Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn,
33 monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no,
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,
35 Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ;