1 “Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ?
2 Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn?
3 Wɔkoto wowo wɔn mma;
4 Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram;
5 “Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die?
6 Mede asase bonini maa no sɛ ne fie,
7 Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no;
8 Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea;
9 “Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa?
10 Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so?
11 Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti?
12 Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba
13 “Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so,
14 Ɔto ne nkosua gu asase so
15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no,
16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea;
17 ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa,
18 Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a,
19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden
20 Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ,
21 Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,
22 Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;
23 Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu,
24 Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam;
25 Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’
26 “Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo
27 Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro
28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda;
29 Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane;
30 Mogya yɛ ne mma aduane,