1 “Abrabɔ afono me;
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ,
3 Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya?
4 Wowɔ ɔhonam mu ani anaa?
5 Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani
6 a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ
7 Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ,
8 “Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me.
9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ.
10 Woanhwie me sɛ nufosuo
11 amfa wedeɛ ne honam ankata me ho
12 Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me,
13 “Nanso yei na wode siee wʼakoma mu;
14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me
15 Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!
16 Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,
17 Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me
18 “Adɛn enti na woma wɔwoo me?
19 Anka mamma nkwa yi mu,
20 Aka kakra na me nna atwam,
21 ansa na makɔ koransane
22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,