1 Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ;
3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.
4 Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,
5 Ɔde asase asi ne fapem so
6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ
7 Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ,
8 Wɔtenetenee faa mmepɔ so,
9 Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra;
10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu;
11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom;
12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho;
13 Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so;
14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,
15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,
16 Wɔgugu Awurade nnua no so yie,
17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo
18 Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;
19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,
20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ
21 Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa
22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so
24 Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
25 Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,
26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
28 Wodema wɔn a, wɔtase;
29 Wode wʼanim hinta wɔn a,
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a
31 Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa;
32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani
35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so;