1 Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
2 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
3 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
4 Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
5 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ
6 Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
7 Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn.
8 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
9 apam a ɔne Abraham yɛeɛ no
10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
11 Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo
12 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,
13 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;
14 Wamma obi anhyɛ wɔn so;
15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;
16 Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so
17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,
18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,
19 kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,
20 Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;
21 Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,
22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ
23 Afei, Israel kɔɔ Misraim;
24 Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;
25 wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ
26 Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,
27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,
28 Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum
29 Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,
30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,
31 Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree
32 Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ
33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua
34 Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ
35 wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,
36 Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,
37 Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,
38 Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,
39 Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,
40 Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.
41 Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;
42 Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a
43 Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.
44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn,
45 na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ