1 Elihu toaa ne kasa so sɛ,
2 “Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ
3 Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri;
4 Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo;
5 “Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;
6 Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,
7 Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.
8 Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa
9 ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn
10 Ɔma wɔtie ntenesoɔ
11 Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,
12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano,
13 “Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;
14 Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,
15 Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;
16 “Ɔregye wo afiri ahohiahia mu
17 Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;
18 Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;
19 Wʼahonya anaasɛ mpo
20 Mpere anadwo ho,
21 Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho,
22 “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu.
23 Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no
24 Kae na kamfo nʼadwuma a
25 Adasamma nyinaa ahunu;
26 Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so!
27 “Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ,
28 na omununkum tɔ bosuo gu fam
29 Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase,
30 Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho
31 Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so
32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma
33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ;