1 “Yei ma mʼakoma bɔ paripari
2 Tie! Tie ne nne mmobom,
3 Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa
4 Ɛno akyi na ne mmobom no ba;
5 Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa;
6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’
7 Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti,
8 Wiram mmoa kɔtetɛ;
9 Ahum tu firi ne pia mu,
10 Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,
11 Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;
12 Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini
13 Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,
14 “Tie yei, Hiob;
15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum,
16 Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem,
17 Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu
18 wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem,
19 “Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;
20 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?
21 Obiara rentumi nhwɛ owia,
22 Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu;
23 Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ;
24 Ɛno enti nnipa de anidie ma no,