2 Samuel 22

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE)

1 Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.

2 Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie:

3 me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.

4 “Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,

5 Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;

6 Damena nhoma kyekyeree me;

7 “Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade.

8 Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ;

9 Wisie firii ne hwene mu;

10 Ɔfirii ɔsoro baa fam;

11 Ɔte Kerubim so tuiɛ;

12 Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ,

13 Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,

14 Awurade bobɔɔ mu firi soro;

15 Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ;

16 Awurade kasaeɛ,

17 “Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;

18 Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,

19 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,

20 Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ;

21 “Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;

22 Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so;

23 Ne mmara nyinaa gu mʼanim;

24 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;

25 Awurade tuaa me papayɛ so ka,

26 “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,

27 Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,

28 Wogye ahobrɛasefoɔ,

29 Ao Awurade, woyɛ me kanea.

30 Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;

31 “Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;

32 Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?

33 Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;

34 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ;

35 Ɔsiesie me ma ɔko;

36 Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm.

37 Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan

38 “Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn;

39 Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;

40 Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;

41 Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ,

42 Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn.

43 Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo;

44 “Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.

45 Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me;

46 Wɔn nyinaa bɔ huboa,

47 “Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan,

48 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere;

49 na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

50 Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa;

51 “Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 2 Samuel 22, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.