1 Crônicas 24

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE)

1 Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

2 Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.

3 Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ.

4 Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.

5 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.

6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:

7 Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib.

8 Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim.

9 Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia.

10 Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos.

11 Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua.

12 Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib.

13 Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.

14 Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga.

15 Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir.

16 Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia.

17 Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin.

18 Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia.

19 Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

20 Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ:

21 Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.

22 Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot.

23 Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne:

24 Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika.

25 ne Mika nuabarima Yisia.

26 Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi.

27 Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne:

28 Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no.

29 Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel.

30 Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot.

31 Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 1 Crônicas 24, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.