1 Hiob toaa nʼasɛm so sɛ,
2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee,
3 mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu,
4 mʼano renka amumuyɛsɛm,
5 Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ;
6 Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu;
7 “Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ,
8 Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi,
9 Onyankopɔn tie ne sufrɛ
10 Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu?
11 “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;
12 Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa.
13 “Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ,
14 Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena;
15 Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,
16 Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo
17 nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira
18 Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa,
19 Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio;
20 Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire;
21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio;
22 Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu
23 Ɔde fɛ bɔ ne nsam