1 Na Hiob kasaa bio sɛ,
2 “Woaboa deɛ ɔnni tumi!
3 Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!
4 Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?
5 “Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,
6 Asamando da adagya Onyankopɔn anim;
7 Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;
8 Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,
9 Ɔtrɛ ne omununkum mu
10 Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so
11 Ɔsoro nnyinasoɔ woso,
12 Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo
13 Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;
14 Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho;