1 “Onipa a ɔbaa awo no no
2 Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam;
3 Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?
4 Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu?
5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna;
6 Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ,
7 “Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no:
8 Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu
9 nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ,
10 Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;
11 Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no,
12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;
13 “Sɛ anka wode me bɛsie damena mu
14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa?
15 Wobɛfrɛ na mɛgye wo so;
16 Afei wobɛkan mʼanammɔntuo
17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu,
18 “Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie
19 sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho
20 Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ;
21 Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim;
22 Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ