1 Crônicas 2

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE)

1 Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

3 Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.

4 Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.

5 Na Peres mmammarima din de

6 Serah mmammarima din de

7 Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

8 Na Etan babarima ne

9 Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10 Ram yɛ Aminadab agya.

11 Nahson yɛ Salma agya.

12 Boas yɛ Obed agya.

13 Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.

14 Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.

15 Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.

16 Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.

17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.

18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

19 Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.

20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21 Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.

22 Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.

23 (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

24 Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

25 Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ

26 Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ

28 Onam mmammarima yɛ

29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.

30 Na Nadab mmammarima yɛ

31 na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

32 Na Samai nuabarima Yada woo

33 nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ

34 Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.

35 Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.

36 Atai woo Natan

37 Sabad woo Efial.

38 Obed woo Yehu

39 Asaria woo Heles.

40 Eleasa woo Sisemai

41 Salum woo Yekamia,

42 Yerahmeel nua Kaleb

43 Na Hebron mmammarima yɛ

44 Na Sema woo Raham.

45 Na Samai woo Maon.

46 Na Kaleb mpena Efa woo

47 Na Yahdai mmammarima yɛ

48 Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo

49 Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

50 Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ.

51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ

53 na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.

54 Salma asefoɔ yɛ

55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 1 Crônicas 2, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.