1 Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,
2 Kenan, Mahalalel, Yared,
3 Henok, Metusela, Lamek,
4 Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
5 Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
6 Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.
7 Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
8 Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
9 Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan.
10 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
11 Misraim yɛ tete agya ma
12 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.
13 Na Kanaan abakan din de
14 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,
15 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,
16 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.
17 Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
18 Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.
19 Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
20 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
21 Hadoram, Usal, Dikla,
22 Obal, Abimael, Seba,
23 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.
24 Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela,
25 Eber, Peleg, Reu,
26 Serug, Nahor, Tera,
27 ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.
28 Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.
29 Na Ismael mmammarima nso ne
30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,
31 Yetur, Nafis ne Kedema.
32 Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.
33 Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.
34 Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.
35 Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
36 Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
37 Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
38 Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
39 Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.
40 Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.
41 Na Ana babarima yɛ Dison.
42 Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.
43 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:
44 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
45 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
46 Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
47 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
48 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
49 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
50 Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
51 Na Hadad nso wuiɛ.
52 Oholibama, Ela, Pinon,
53 Kenas, Teman, Mibsar,
54 Magdiel ne Iram.