1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:
2 “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?
3 Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa?
4 Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no,
5 Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so
6 sɛ woyɛ kronn, na wotene a,
7 Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra
8 “Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no,
9 Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee.
10 Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo.
11 Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?
12 Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;
14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;
15 Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete;
16 Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu.
17 Ne nhini nyini fa abotan ho,
18 Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a,
19 Ampa ara ne nkwa twam,
20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm
21 Ɔbɛma woasere bio,
22 Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ,