1 “Asase so som nyɛ den mma onipa anaa?
2 Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma,
3 saa ara na wɔatwa abosome hunu ato me hɔ,
4 Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’
5 Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma,
6 “Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,
7 Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ;
8 Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio;
9 Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no,
10 Ɔrensane mma ne fie da biara da;
11 “Ɛno enti meremmua mʼano;
12 Meyɛ ɛpo anaa aboa kɛseɛ a ɔwɔ ebunu mu anaa,
13 Sɛ medwene sɛ menya awerɛkyekyerɛ wɔ me mpa so,
14 ɛno mpo na wode adaeɛso yi me hu
15 ɛno enti mepɛ akɔmfohyɛ ne owuo,
16 Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ.
17 “Ɔdasani ne hwan a ne ho hia wo sei,
18 na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara
19 Worenyi wʼani mfiri me so da,
20 Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ,
21 Adɛn enti na wonkata me mmarato so