1 Na Naamani Sofar buaa sɛ,
2 “Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua
3 Mate animka bi a ɛgu me ho fi,
4 “Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete,
5 sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu,
6 Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro,
7 nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan;
8 Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio.
9 Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio;
10 Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ;
11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no
12 “Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ
13 ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu
14 nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu;
15 Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no;
16 Ɔbɛfefe awɔ borɔ;
17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom
18 Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi;
19 Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo;
20 “Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu;
21 Wafom nneɛma nyinaa awie;
22 Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu;
23 Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no,
24 Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano
25 Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi,
26 esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ.
27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi,
28 Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ,
29 Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ,