1 Na Naamani Sofar buae se,
2 “Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana?
3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana?
4 Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm
5 Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa,
6 na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,
7 “Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana?
8 Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ?
9 Ne nsusuwii mu ware sen asase
10 “Sɛ ɔba de wo bɛto afiase
11 Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo;
12 Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da
13 “Na sɛ wode wo koma ma no
14 sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu
15 ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so;
16 Wo werɛ befi wʼahokyere,
17 Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae,
18 Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ;
19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo,
20 Amumɔyɛfo ani befura,