1 Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa;
2 Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa,
3 Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam;
4 ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa
5 Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,
6 Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?
7 Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;
8 Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?
9 Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;
10 Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako;
11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;
12 Wobɔɔ atifi ne anafoɔ.
13 Tumi ayɛ wo basa ma;
14 Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee;
15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,
16 Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;
17 Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,
18 Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ,
19 Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu,
20 Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;
21 Me nsa bɛwowa no;
22 Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ;
23 Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim
24 Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho,
25 Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so,
26 Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya,
27 Mɛyɛ no mʼabakan,
28 Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa,
29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ,
30 “Sɛ ne mmammarima po me mmara
31 sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so
32 ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho
33 Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no
34 Meremmu mʼapam no so
35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,
36 Meremma nʼase ntɔre da
37 ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane,
38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi
39 Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no
40 Woabubu nʼafasuo nyinaa
41 Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa;
42 Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so;
43 Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa,
44 Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ
45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so
46 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?
47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.
48 Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
49 Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ,
50 Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ
51 Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw,
52 Ayɛyie nka Awurade daa!