1 Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;
2 Yɛ aso ma me,
3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
4 Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
5 Wo nsam na mede me kra hyɛ;
6 Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo;
7 Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu,
8 Woamfa me amma ɔtamfoɔ no
9 Hu me mmɔbɔ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ me ho yera me;
10 Ateeteeɛ rete me nkwa so
11 Mʼatamfoɔ nyinaa enti,
12 Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo;
13 Mete dodoɔ no nsekuro.
14 Nanso, mede me ho ato wo so, Ao Awurade;
15 Me mmerɛ wɔ wo nsam
16 Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ;
17 Mma mʼanim ngu ase, Ao Awurade,
18 Mua atorofoɔ ano,
19 Wo papayɛ dɔɔso,
20 Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu
21 Ayɛyi nka Awurade!
22 Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ:
23 Monnɔ Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa!
24 Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,