1 Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ,
2 na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ
3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia
4 Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka,
5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,
6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;
7 Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ,
8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;
9 Ma ne mma nyɛ nwisiaa
10 Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ;
11 Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa;
12 Mma obiara nhunu no mmɔbɔ
13 Ma nʼase nhye,
14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;
15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,
16 Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,
17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome
18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ;
19 Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho,
20 Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ,
21 Nanso, wo Ao Asafo Awurade,
22 Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie,
23 Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma;
24 Abuadadie ama me kotodwe mu agogo;
25 Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ;
26 Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn;
27 Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa,
28 Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira;
29 Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho;
30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ;
31 Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so