1 “Wobɛtumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn
2 Wobɛtumi de ahoma afa ne hwenemu,
3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hunu no mmɔbɔ anaa?
4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam
5 Wobɛtumi de no ayɛ ayɛmmoa te sɛ anomaa
6 Adwadifoɔ bɛpɛ sɛ wobɛtɔ no de no adi dwa anaa?
7 Wobɛtumi de mpea awowɔ ne wedeɛ mu
8 Wode wo nsa ka no a,
9 Ɛkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akye no;
10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no.
11 Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua?
12 “Me werɛ remfiri sɛ mɛka nʼakwaa,
13 Hwan na ɔbɛtumi aworɔ ne ho nwoma,
14 Hwan na ɔbɛtumi abue nʼapantan,
15 Nʼakyi wɔ abona a ɛsesa soɔ,
16 sɛdeɛ ɛpipi so fa no enti,
17 Ɛtoatoa mu dendeenden a
18 Sɛ ɔnwansi a, ɛtete ogya;
19 Egyatɛn turi firi nʼanom
20 Wisie tene firi ne hwene mu
21 Nʼahomeɛ ma gyabidie ano sɔ,
22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;
23 Ne wedeɛ a abubu agu soɔ no yɛ peperee;
24 Ne koko so yɛ dene sɛ ɔbotan;
25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfoɔ bɔ huboa;
26 Akofena wɔ no a, ɛnka no,
27 Ɔfa dadeɛ sɛ wira bi
28 Agyan mma no nnwane;
29 Aporibaa te sɛ ɛserɛ wɔ nʼani so;
30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.
31 Ɔma ebunu mu huru sɛ nsuo a ɛwɔ ɛsɛn mu
32 Deɛ ɔbɛfa no, ɛhɔ nsuo no pa yerɛyerɛ;
33 Biribiara a ɛwɔ asase so ne no nsɛ.
34 Ɔmmu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;