1 Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu
2 Wo bɛmma ahwire me mu,
3 Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu;
4 Mʼafɔdie amene me
5 Mʼakuro bɔn na aporɔ
6 Makoto na wɔabrɛ me ase;
7 Mʼakyi dompe mu yea boro so:
8 Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa.
9 Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
10 Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa
11 Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me;
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie,
13 Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm,
14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,
15 Ao Awurade, meretwɛn wo;
16 Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye;
17 Mereyɛ mahwe ase,
18 Meka me mfomsoɔ kyerɛ;
19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ;
20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no
21 Ao, Awurade nnya me.
22 Bra ntɛm bɛboa me,