1 Na Suhini Bildad buaa sɛ,
2 “Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?
3 Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie
4 Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,
5 “Omumuyɛfoɔ kanea adum;
6 Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;
7 Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;
8 Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,
9 Afidie sɔ ne nantin
10 Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;
11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa
12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;
13 Ɛwewe ne honam ani baabi;
14 Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu
15 Ogya te ne ntomadan mu;
16 Ne nhini wuwu wɔ aseɛ
17 Wɔrenkae no asase so bio;
18 Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu
19 Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,
20 Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;
21 Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;