Jeremias 19
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE) vs NTLH
1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Kɔ na kɔtɔ dɔteɛ kuruwa firi ɔnwomfoɔ nkyɛn. Fa nnipa no mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi ka wo ho
1 O Senhor Deus me disse que fosse comprar um pote de barro. Disse que levasse comigo algumas autoridades do povo e alguns sacerdotes mais velhos
2 na firi adi kɔ Ben Hinom Bɔnhwa a ɛbɛn Pɔthɛd Ɛpono ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no,
2 e fosse ao vale de Ben-Hinom, na entrada do Portão dos Cacos. Ali eu devia anunciar em voz bem alta a mensagem que ele ia me dar.
3 sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ: Montie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yɔnn.
3 Deus me mandou dizer o seguinte: — Reis de Judá e povo de Jerusalém, escutem o que eu, o
4 Ɛfiri sɛ, wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma.
4 Vou fazer isso porque o meu povo me abandonou e profanou este lugar, queimando aqui incenso a outros deuses. Mas nem esse povo, nem os seus antepassados, nem os reis de Judá sabiam nada a respeito desses deuses. Essa gente encheu este lugar com o sangue de pessoas inocentes
5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima sɛ afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu.
5 e construiu altares para o deus Baal , a fim de queimar os seus filhos no fogo, como sacrifício . Eu não dei ordem para isso, não falei disso e nunca pensei nisso.
6 Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa.
6 Por isso, eu, o Senhor , digo que chegará o tempo em que este lugar não se chamará mais Tofete nem vale de Ben-Hinom e sim “vale da Matança”.
7 “ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ akofena ano wɔ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduane.
7 Neste lugar, destruirei todos os planos do povo de Judá e de Jerusalém. Deixarei que os inimigos os derrotem e os matem na batalha. Darei os corpos deles como alimento para as aves e as feras.
8 Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw.
8 Destruirei esta cidade de modo tão terrível, que cada um que passar por ela ficará espantado e horrorizado ao ver tudo o que aconteceu.
9 Mɛma wɔawe wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛfiri ahohia a atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no tua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
9 Os inimigos cercarão a cidade e procurarão matar os seus moradores. O cerco será tão terrível, que a gente que vive em Jerusalém comerá a carne dos seus filhos e filhas e devorará os seus próprios vizinhos.
10 “Afei, bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ,
10 Então o Senhor me mandou quebrar o pote na frente dos homens que haviam ido comigo.
11 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ wɔabɔ ɔnwomfoɔ kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma.
11 E mandou dizer-lhes que o Senhor Todo-Poderoso tinha dito o seguinte: — Como se quebra um pote, e ele não pode mais ser consertado, assim eu quebrarei este povo e esta cidade. Os seus mortos terão de ser sepultados até mesmo em Tofete, pois não haverá outro lugar para sepultá-los.
12 Sei ara na mɛyɛ saa beaeɛ yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ɔseɛ. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet.
12 Tratarei esta cidade e os seus moradores assim: farei com que ela fique como o vale de Tofete. Sou eu, o Senhor , quem está falando.
13 Afie a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfie ho bɛgu fi te sɛ Tofet ha. Afie a, wɔhyee nnuhwam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na wɔguu nsã maa anyame foforɔ.’ ”
13 As casas de Jerusalém e as casas dos reis de Judá ficarão imundas como o vale de Tofete. Também ficarão imundas todas as casas onde queimaram incenso no terraço para adorar as estrelas e onde derramaram bebidas como oferta a outros deuses.
14 Afei Yeremia sane firii Tofet, baabi a Awurade somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm hɔ no baeɛ, na ɔbɛgyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ,
14 Então voltei de Tofete, onde o Senhor me havia mandado anunciar a sua mensagem. Fui ao pátio do Templo, fiquei de pé ali e falei a todo o povo
15 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’ ”
15 que o Senhor Todo-Poderoso, o Deus de Israel, tinha dito o seguinte: — Vocês são teimosos e não querem ouvir o que eu digo; por isso, farei cair sobre esta cidade e sobre todos os povoados vizinhos toda a desgraça que prometi.
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Jeremias 19, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.