1 Crônicas 12

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE) vs NVI

Sair da comparação
NVI Nova Versão Internacional
1 Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu.
1 Estes são os que se juntaram a Davi em Ziclague, onde se escondia de Saul, filho de Quis. Eles estavam entre os combatentes que o ajudaram na guerra;
2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
2 utilizavam arco e flecha e a funda para atirar pedras tanto com a mão direita como com a esquerda; pertenciam à tribo de Benjamim e eram parentes de Saul:
3 Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ:
3 Aiezer, o chefe deles, e Joás, filhos de Semaá, de Gibeate; Jeziel e Pelete, filhos de Azmavete; Beraca, Jeú, de Anatote,
4 Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;
4 e Ismaías, de Gibeom, um grande guerreiro do pelotão dos trinta, e chefe deles; Jeremias, Jaaziel, Joanã, Jozabade, de Gederate,
5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;
5 Eluzai, Jeremote, Bealías, Semarias e Sefatias, de Harufe;
6 Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;
6 os coreítas Elcana, Issias, Azareel, Joezer e Jasobeão;
7 Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.
7 e Joela e Zebadias, filhos de Jeroão de Gedor.
8 Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu wɔ ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini wɔ nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔ so atwe.
8 Da tribo de Gade alguns aliaram-se a Davi em sua fortaleza no deserto. Eram guerreiros corajosos, prontos para o combate, e sabiam lutar com escudo e com lança. Tinham a bravura de um leão, e eram ágeis como gazelas nos montes.
9 Eser na na ɔtua wɔn ano.
9 Ézer era o primeiro; Obadias, o segundo; Eliabe, o terceiro;
10 Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana.
10 Mismana, o quarto; Jeremias, o quinto;
11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson.
11 Atai, o sexto; Eliel, o sétimo;
12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron.
12 Joanã, o oitavo; Elzabade, o nono;
13 Yeremia tɔ so edu, Makbanai tɔ so dubaako.
13 Jeremias, o décimo; e Macbanai era o décimo primeiro.
14 Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi yɛ asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko.
14 Todos esses de Gade eram chefes de exército; o menor valia por cem, e o maior enfrentava mil.
15 Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so wɔ nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii hɔ.
15 Foram eles que atravessaram o Jordão no primeiro mês do ano, quando o rio transborda em todas as suas margens, e puseram em fuga todos os que moravam nos vales, a leste e a oeste.
16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ abanbɔeɛ hɔ.
16 Alguns outros benjamitas e certos homens de Judá também vieram a Davi em sua fortaleza.
17 Dawid kɔhyiaa wɔn kaa sɛ, “Sɛ moaba asomdwoeɛ so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebɛyi me ama mʼatamfoɔ wɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”
17 Davi saiu ao encontro deles e lhes disse: "Se vocês vieram em paz, para me ajudarem, estou pronto para recebê-los. Mas, se querem trair-me e entregar-me aos meus inimigos quando minhas mãos não cometeram violência, que o Deus de nossos antepassados veja isso e julgue vocês".
18 Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa sɛ,
18 Então o Espírito veio sobre Amasai, chefe do pelotão dos trinta, e ele disse: "Somos teus, ó Davi! Estamos contigo, ó filho de Jessé! Paz, paz seja contigo, e aos teus aliados, pois o teu Deus te ajudará". Davi os recebeu e os nomeou chefes de seus grupos de ataque.
19 Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid wɔ ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa sɛ, “Sɛ Dawid dane nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so.”
19 Alguns soldados de Manassés desertaram para Davi quando ele foi com os filisteus guerrear contra Saul. Mas eles não ajudaram os filisteus, porque os seus chefes os aconselharam e os mandaram embora, dizendo: "Pagaremos com a vida, caso Davi deserte e passe para Saul, seu senhor".
20 Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa wɔ ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano.
20 Estes foram os homens de Manassés que desertaram para Davi quando ele foi a Ziclague: Adna, Jozabade, Jediael, Micael, Jozabade, Eliú e Ziletai, chefes de batalhões de mil em Manassés.
21 Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakodɔm mu.
21 Eles ajudaram Davi contra grupos de ataque, pois todos eles eram guerreiros valentes, e eram líderes no exército dele.
22 Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii sɛ ɔnyaa asraadɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn deɛ.
22 De fato, diariamente chegavam soldados para ajudar Davi, até que seu exército tornou-se tão grande como o exército de Deus.
23 Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato hɔ no.
23 Este é o número dos soldados armados para a guerra que vieram a Davi em Hebrom para entregar a ele o reino de Saul, conforme o Senhor tinha dito:
24 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
24 Da tribo de Judá, 6. 800 armados para a guerra, com escudo e lança;
25 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem nson ne ɔha.
25 Da tribo de Simeão, 7. 100 guerreiros prontos para o combate;
26 Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɛnan ne ahansia (4,600).
26 Da tribo de Levi, 4. 600,
27 Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no wɔ akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase.
27 inclusive Joiada, líder da família de Arão, com 3. 700 homens,
28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.
28 e Zadoque, um jovem e valente guerreiro, com 22 oficiais de sua família;
29 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.
29 Da tribo de Benjamim, parentes de Saul, 3. 000, a maioria dos quais era até então fiel à família de Saul;
30 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin wɔ nʼabusua mu.
30 Da tribo de Efraim, 20. 800 soldados valentes, famosos em seus próprios clãs;
31 Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.
31 Da metade da tribo de Manassés, 18. 000, indicados por nome para fazerem Davi rei;
32 Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ yɛ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.
32 Da tribo de Issacar, 200 chefes que sabiam como Israel devia agir em qualquer circunstância. Comandavam todos os seus parentes;
33 Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
33 Da tribo de Zebulom, 50. 000 soldados experientes, preparados para guerrear com qualquer tipo de arma, totalmente decididos a ajudar Davi;
34 Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no yɛ asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.
34 Da tribo de Naftali, 1. 000 líderes com 37. 000 homens armados de escudos e lanças;
35 Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
35 Da tribo de Dã, 28. 600 prontos para o combate;
36 Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
36 Da tribo de Aser, 40. 000 soldados experientes, preparados para o combate;
37 Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.
37 e do leste do Jordão, das tribos de Rúben e de Gade, e da metade da tribo de Manassés, 120. 000 completamente armados.
38 Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
38 Todos esses eram homens de combate que se apresentaram voluntariamente para servirem nas fileiras. Foram a Hebrom totalmente decididos a fazerem de Davi rei sobre todo o Israel. E todos os outros israelitas tinham esse mesmo propósito.
39 Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri sɛ, na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan.
39 Ficaram com Davi três dias, comendo e bebendo, pois as suas famílias haviam fornecido provisões para eles.
40 Nnipa bi a wɔfiri akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.
40 Os habitantes das tribos vizinhas e também de lugares distantes como Issacar, Zebulom e Naftali, trouxeram-lhes muitas provisões em jumentos, camelos, mulas e bois: farinha, bolos de figo, bolos de uvas passas, vinho, azeite, bois e ovelhas, pois havia grande alegria em Israel.

Ler em outra tradução

Comparar com outra

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 1 Crônicas 12, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.