Marcos 6
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs VC
1 Yesu fi faako a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho.
1 Depois, ele partiu dali e foi para a sua pátria, seguido de seus discípulos.
2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn.
2 Quando chegou o dia de sábado, começou a ensinar na sinagoga. Muitos o ouviam e, tomados de admiração, diziam: Donde lhe vem isso? Que sabedoria é essa que lhe foi dada, e como se operam por suas mãos tão grandes milagres?
3 Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuw no.
3 Não é ele o carpinteiro, o filho de Maria, o irmão de Tiago, de José, de Judas e de Simão? Não vivem aqui entre nós também suas irmãs? E ficaram perplexos a seu respeito.
4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo kurom, nʼabusuafo mu, ne ne fi na onni anuonyam.”
4 Mas Jesus disse-lhes: Um profeta só é desprezado na sua pátria, entre os seus parentes e na sua própria casa.
5 Wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.
5 Não pôde fazer ali milagre algum. Curou apenas alguns poucos enfermos, impondo-lhes as mãos.
6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa.
6 Admirava-se ele da desconfiança deles. E ensinando, percorria as aldeias circunvizinhas.
7 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so.
7 Então chamou os Doze e começou a enviá-los, dois a dois; e deu-lhes poder sobre os espíritos imundos.
8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni, “Mommfa biribiara nkura gye mo pema nko ara; mommfa aduan anaa kotoku anaa sika.
8 Ordenou-lhes que não levassem coisa alguma para o caminho, senão somente um bordão; nem pão, nem mochila, nem dinheiro no cinto;
9 Bio, mommfa mpaboa foforo anaa atade foforo nka nea ɛhyɛ mo yi ho.
9 como calçado, unicamente sandálias, e que se não revestissem de duas túnicas.
10 Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako pɛ mu. Monnsesa mo atenae.
10 E disse-lhes: Em qualquer casa em que entrardes, ficai nela, até vos retirardes dali.
11 Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse.”
11 Se em algum lugar não vos receberem nem vos escutarem, saí dali e sacudi o pó dos vossos pés em testemunho contra ele.
12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho.
12 Eles partiram e pregaram a penitência.
13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.
13 Expeliam numerosos demônios, ungiam com óleo a muitos enfermos e os curavam.
14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.”
14 O rei Herodes ouviu falar de Jesus, cujo nome se tornara célebre. Dizia-se: João Batista ressurgiu dos mortos e por isso o poder de fazer milagres opera nele.
15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba.
15 Uns afirmavam: É Elias! Diziam outros: É um profeta como qualquer outro.
16 Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.”
16 Ouvindo isto, Herodes repetia: É João, a quem mandei decapitar. Ele ressuscitou!
17 Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware.
17 Pois o próprio Herodes mandara prender João e acorrentá-lo no cárcere, por causa de Herodíades, mulher de seu irmão Filipe, com a qual ele se tinha casado.
18 Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.”
18 João tinha dito a Herodes: Não te é permitido ter a mulher de teu irmão.
19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi.
19 Por isso Herodíades o odiava e queria matá-lo, não o conseguindo, porém.
20 Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no.
20 Pois Herodes respeitava João, sabendo que era um homem justo e santo; protegia-o e, quando o ouvia, sentia-se embaraçado. Mas, mesmo assim, de boa mente o ouvia.
21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo.
21 Chegou, porém, um dia favorável em que Herodes, por ocasião do seu natalício, deu um banquete aos grandes de sua corte, aos seus oficiais e aos principais da Galiléia.
22 — ausente —
22 A filha de Herodíades apresentou-se e pôs-se a dançar, com grande satisfação de Herodes e dos seus convivas. Disse o rei à moça: Pede-me o que quiseres, e eu to darei.
23 — ausente —
23 E jurou-lhe: Tudo o que me pedires te darei, ainda que seja a metade do meu reino.
24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”
24 Ela saiu e perguntou à sua mãe: Que hei de pedir? E a mãe respondeu: A cabeça de João Batista.
25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!”
25 Tornando logo a entrar apressadamente à presença do rei, exprimiu-lhe seu desejo: Quero que sem demora me dês a cabeça de João Batista.
26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so.
26 O rei entristeceu-se; todavia, por causa da sua promessa e dos convivas, não quis recusar.
27 Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti,
27 Sem tardar, enviou um carrasco com a ordem de trazer a cabeça de João. Ele foi, decapitou João no cárcere,
28 na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na.
28 trouxe a sua cabeça num prato e a deu à moça, e esta a entregou à sua mãe.
29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu.
29 Ouvindo isto, os seus discípulos foram tomar o seu corpo e o depositaram num sepulcro.
30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
30 Os apóstolos voltaram para junto de Jesus e contaram-lhe tudo o que haviam feito e ensinado.
31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.” Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi.
31 Ele disse-lhes: Vinde à parte, para algum lugar deserto, e descansai um pouco. Porque eram muitos os que iam e vinham e nem tinham tempo para comer.
32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ.
32 Partiram na barca para um lugar solitário, à parte.
33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho.
33 Mas viram-nos partir. Por isso, muitos deles perceberam para onde iam, e de todas as cidades acorreram a pé para o lugar aonde se dirigiam, e chegaram primeiro que eles.
34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.
34 Ao desembarcar, Jesus viu uma grande multidão e compadeceu-se dela, porque era como ovelhas que não têm pastor. E começou a ensinar-lhes muitas coisas.
35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha.
35 A hora já estava bem avançada quando se achegaram a ele os seus discípulos e disseram: Este lugar é deserto, e já é tarde.
36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.”
36 Despede-os, para irem aos sítios e aldeias vizinhas a comprar algum alimento.
37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma wɔn aduan nni.”
37 Mas ele respondeu-lhes: Dai-lhes vós mesmos de comer. Replicaram-lhe: Iremos comprar duzentos denários de pão para dar-lhes de comer?
38 Yesu bisaa wɔn se, “Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”
38 Ele perguntou-lhes: Quantos pães tendes? Ide ver. Depois de se terem informado, disseram: Cinco, e dois peixes.
39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so.
39 Ordenou-lhes que mandassem todos sentar-se, em grupos, na relva verde.
40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum.
40 E assentaram-se em grupos de cem e de cinqüenta.
41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.
41 Então tomou os cinco pães e os dois peixes e, erguendo os olhos ao céu, abençoou-os, partiu-os e os deu a seus discípulos, para que lhos distribuíssem, e repartiu entre todos os dois peixes.
42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee!
42 Todos comeram e ficaram fartos.
43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum;
43 Recolheram do que sobrou doze cestos cheios de pedaços, e os restos dos peixes.
44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
44 Foram cinco mil os homens que haviam comido daqueles pães.
45 Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn.
45 Imediatamente ele obrigou os seus discípulos a subirem para a barca, para que chegassem antes dele à outra margem, em frente de Betsaida, enquanto ele mesmo despedia o povo.
46 Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.
46 E despedido que foi o povo, retirou-se ao monte para orar.
47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano.
47 À noite, achava-se a barca no meio do lago e ele, a sós, em terra.
48 Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.
48 Vendo-os se fatigarem em remar, sendo-lhes o vento contrário, foi ter com eles pela quarta vigília da noite, andando por cima do mar, e fez como se fosse passar ao lado deles.
49 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman.
49 À vista de Jesus, caminhando sobre o mar, pensaram que fosse um fantasma e gritaram;
50 Wɔn nyinaa huu no.
50 pois todos o viram e se assustaram. Mas ele logo lhes falou: Tranqüilizai-vos, sou eu; não vos assusteis!
51 Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn,
51 E subiu para a barca, junto deles, e o vento cessou. Todos se achavam tomados de um extremo pavor,
52 efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma.
52 pois ainda não tinham compreendido o caso dos pães; os seus corações estavam insensíveis.
53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano.
53 Navegaram para o outro lado e chegaram à região de Genesaré, onde aportaram.
54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no.
54 Assim que saíram da barca, o povo o reconheceu.
55 Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ.
55 Percorrendo toda aquela região, começaram a levar, em leitos, os que padeciam de algum mal, para o lugar onde ouviam dizer que ele se encontrava.
56 Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.
56 Onde quer que ele entrasse, fosse nas aldeias ou nos povoados, ou nas cidades, punham os enfermos nas ruas e pediam-lhe que os deixassem tocar ao menos na orla de suas vestes. E todos os que tocavam em Jesus ficavam sãos.
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Marcos 6, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.