Levítico 19
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs NTLH
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
1 O Senhor Deus mandou Moisés
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.
2 dizer ao povo de Israel o seguinte: — Sejam santos , pois eu, o
3 “ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.
3 Cada um respeite a sua mãe e o seu pai, e todos guardem o sábado. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
4 “ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
4 — Não adorem ídolos, nem façam deuses de metal. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
5 “ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.
5 — Quando matarem um animal para uma oferta de paz, façam como eu mandei, e assim eu aceitarei a oferta.
6 Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no.
6 A carne deverá ser comida no dia em que o animal for morto ou então no dia seguinte. Mas, se sobrar carne para o terceiro dia, ela deverá ser queimada,
7 Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo.
7 pois ficou impura . Se alguém comer a carne nesse dia, eu não aceitarei a oferta,
8 Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.
8 e a pessoa que comeu deverá ser castigada, pois profanou aquilo que para mim é sagrado. Essa pessoa será expulsa do meio do povo de Israel.
9 “ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase.
9 — Quando fizerem a colheita do trigo, não colham as espigas dos pés que ficam na beira do campo, nem voltem atrás para pegar as espigas que não tiverem sido colhidas.
10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.
10 E não façam uma segunda colheita nas plantações de uvas, para colher os cachos que ficaram, nem voltem atrás para catar os cachos que tiverem caído no chão. Deixem isso para os pobres e para os estrangeiros. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
11 “ ‘Mommmɔ korɔn.
11 — Não roube, não minta e não engane os outros.
12 “ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
12 Não faça juramentos falsos em meu nome, pois isso é profanar o meu nome. Eu sou o Senhor .
13 “ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi.
13 — Não explore, nem roube os outros. Não segure até o dia seguinte o pagamento do trabalhador diarista.
14 “ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.
14 Não amaldiçoe um surdo, nem ponha na frente de um cego alguma coisa que o faça tropeçar. Tenha respeito para comigo, o seu Deus. Eu sou o Senhor .
15 “ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.
15 — Quando julgar alguma causa, não seja injusto; não favoreça os humildes, nem procure agradar os poderosos. Julgue todas as causas com justiça.
16 “ ‘Munnni nseku.
16 Não ande espalhando mentiras no meio do povo, nem faça uma acusação falsa que possa causar a morte de alguém. Eu sou o Senhor .
17 “ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.
17 — Não guarde ódio no coração contra outro israelita, mas corrija-o com franqueza para que você não acabe cometendo um pecado por causa dele.
18 “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
18 Não se vingue, nem guarde ódio de alguém do seu povo, mas ame os outros como você ama a você mesmo. Eu sou o Senhor .
19 “ ‘Munni me mmara so.
19 — Obedeçam às minhas leis . Não cruzem animais domésticos de espécies diferentes. Não semeiem tipos diferentes de semente no mesmo campo. Não vistam roupas feitas de tipos diferentes de tecidos.
20 “ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho.
20 — Se um homem tiver relações com uma escrava que já foi prometida para ser a concubina de outro homem, mas que ainda não foi comprada, nem posta em liberdade, o homem e a escrava serão castigados, mas não serão mortos, pois ela ainda não estava em liberdade.
21 Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini.
21 Nesse caso, para tirar a sua culpa, o homem deverá apresentar como oferta a Deus, o Senhor , um carneiro, que ele levará até a entrada da Tenda Sagrada .
22 Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
22 Ali, na presença do Senhor , o sacerdote oferecerá o carneiro a Deus e assim conseguirá o perdão do pecado que o homem cometeu.
23 “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi.
23 — Quando vocês estiverem morando na terra de Canaã e plantarem árvores frutíferas, não comam as frutas que as árvores derem nos primeiros três anos; essas frutas são impuras.
24 Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.
24 No quarto ano as frutas serão dedicadas a mim, o Senhor , como oferta de louvor.
25 Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
25 No quinto ano vocês poderão comer as frutas, e assim as árvores produzirão cada vez mais. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
26 “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam.
26 — Não comam carne em que houver sangue. Não procurem adivinhar o futuro, nem façam feitiçarias.
27 “ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.
27 Não cortem o cabelo dos lados da cabeça, nem aparem a barba.
28 “ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.
28 Quando chorarem a morte de alguém, não se cortem, nem façam marcas no corpo. Eu sou o Senhor .
29 “ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.
29 — Não desonrem as suas filhas entregando-as para serem prostitutas nos templos pagãos . Isso encheria a terra de idolatria e de pecado.
30 “ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.
30 Guardem o sábado, que é um dia sagrado, e respeitem o lugar onde sou adorado. Eu sou o Senhor .
31 “ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.
31 — Não procurem a ajuda dos que invocam os espíritos dos mortos e dos que adivinham o futuro. Isso é pecado e fará com que vocês fiquem impuros. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
32 “ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
32 — Fiquem de pé na presença das pessoas idosas e as tratem com todo o respeito; e honrem a mim, o Deus de vocês. Eu sou o Senhor .
33 “ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no.
33 — Não maltratem os estrangeiros que vivem na terra de vocês.
34 Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
34 Eles devem ser tratados como se fossem israelitas; amem os estrangeiros, pois vocês foram estrangeiros no Egito e devem amá-los como vocês amam a vocês mesmos. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês.
35 “ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara.
35 — Não prejudiquem os outros, usando medidas falsas de comprimento, peso ou capacidade.
36 Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.
36 Usem balanças certas, pesos certos e medidas certas. Eu sou o Senhor , o Deus de vocês. Eu os tirei do Egito.
37 “ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”
37 — Obedeçam às minhas leis e aos meus mandamentos. Eu sou o Senhor .
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Levítico 19, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.