Ezequiel 48

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs NTLH

Sair da comparação
NTLH Nova Tradução na Linguagem de Hoje 2000
1 “Mmusuakuw no din na edidi so yi:
1 — ausente —
2 Aser benya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
2 — ausente —
3 Naftali benya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
3 — ausente —
4 Manase benya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
4 — ausente —
5 Efraim benya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
5 — ausente —
6 Ruben benya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
6 — ausente —
7 Yuda benya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
7 — ausente —
8 “Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
8 Ao lado do território de Judá, ficará a terra separada para uso especial. De norte a sul, terá doze quilômetros e meio de largura e de leste a oeste terá o mesmo comprimento dos territórios dados às tribos . O Templo ficará nessa área.
9 “Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tenten bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Na ne trɛw ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000).
9 No centro dessas terras haverá uma área dedicada ao Senhor , com doze quilômetros e meio por dez.
10 Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.
10 Os sacerdotes terão uma parte dessa terra sagrada. Nos lados norte e sul, deverá medir doze quilômetros e meio e nos lados leste e oeste deverá medir cinco. O Templo do Senhor ficará no meio.
11 Eyi bɛyɛ Sadokfo asɔfo a wɔayɛ wɔn kronkron no de, wɔn a wodii me nokware som me na wɔannan amfi me nkyɛn sɛnea Lewifo yɛe, bere a Israelfo dan fii me nkyɛn no.
11 Essa área sagrada será para os sacerdotes descendentes de Zadoque. Eles me serviram fielmente e não se juntaram com o resto dos israelitas para fazer o mal, como os outros membros da tribo de Levi fizeram.
12 Ɛbɛyɛ akyɛde sononko a efi asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifo asase no bɔ hye.
12 Por isso, eles terão uma área especial perto da área dos levitas , e será a área mais santa de todas.
13 “Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000).
13 Os levitas também terão uma área de terra que fará limite com a dos sacerdotes. Terá doze quilômetros e meio por cinco.
14 Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde mu fa biara sesa biribi. Asase no mu nea ɛyɛ papa ni na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ obi foforo nsam, efisɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
14 A terra dedicada ao Senhor é a melhor de todas, e nenhuma parte dela poderá ser vendida, nem trocada, nem transferida para ninguém. É santa e pertence a Deus.
15 “Asase a aka a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufo. Wobesisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini
15 A área que sobrar, de doze quilômetros e meio por dois e meio, não é santa, mas será para uso geral do povo. Eles poderão morar ali e aproveitar a terra. A cidade ficará no centro
16 na ne kɛse bɛyɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
16 e será quadrada, medindo dois mil duzentos e cinquenta metros de cada lado.
17 Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛse bɛyɛ anammɔn ahaasa aduɔson anum (375) wɔ nʼafanan biara.
17 Em toda a volta da cidade, de cada lado, haverá um espaço livre de cento e vinte e cinco metros de largura.
18 Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi.
18 A terra que sobrar depois de construída a cidade nas terras ao lado da área sagrada — cinco quilômetros por dois e meio para o leste e cinco quilômetros por dois e meio para o oeste — essa terra será usada pela gente que mora na cidade, para nela fazerem plantações.
19 Kuropɔn no mu adwumayɛfo a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw nyinaa no mu.
19 Quem trabalhar na cidade, seja de que tribo for, poderá cultivar essa terra.
20 Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Wubeyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛde sononko.
20 Assim a área toda será quadrada, medindo doze quilômetros e meio de cada lado, e incluirá as terras ocupadas pela cidade.
21 “Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Efi apuei fam a esusuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no, asase no bɛtrɛw akosi apuei fam hye so, na atɔe fam nso, ɛbɛtrɛw akosi atɔe fam hye so. Nsase abien a ɛne mmusuakuw asase no sa so no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini.
21 — ausente —
22 Ɛno nti Lewifo no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahye no ntam.
22 — ausente —
23 “Mmusuakuw a aka no,
23 — ausente —
24 Simeon benya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
24 — ausente —
25 Isakar benya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
25 — ausente —
26 Sebulon benya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
26 — ausente —
27 Gad benya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
27 — ausente —
28 Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no.
28 Na parte sul do território da tribo de Gade, a fronteira irá na direção sudoeste, desde a cidade de Tamar até o oásis de Cades, e daí, para o noroeste, seguindo a fronteira do Egito até o mar Mediterrâneo.
29 “Eyi ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuw no sɛ agyapade, na eyinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfo Awurade asɛm ni.
29 O Senhor Deus disse: — É assim que o país será dividido em partes, que serão das tribos de Israel e que passarão para os seus descendentes.
30 “Eyinom ne apon a wɔbɛfa mu apue afi kuropɔn no mu:
30 — ausente —
31 wɔde Israel mmusuakuw dumien no din bɛtoto kuropɔn apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ: Ruben pon, Yuda pon ne Lewi pon.
31 — ausente —
32 Apuei fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
32 — ausente —
33 Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
33 — ausente —
34 Atɔe fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
34 — ausente —
35 “Ɔkwan a etwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tenten yɛ anammɔn mpem aduonu ason (27,000).
35 O comprimento total da muralha em volta da cidade toda será de nove quilômetros. O nome da cidade daqui em diante será: “O Senhor está aqui.”

Ler em outra tradução

Comparar com outra

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Ezequiel 48, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.