Ezequiel 35

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs NVT

Sair da comparação
NVT Nova Versão Transformadora
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
1 Recebi outra mensagem do S enhor :
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no,
2 “Filho do homem, volte o rosto para o monte Seir e profetize contra seu povo.
3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan.
3 Transmita-lhe esta mensagem do S enhor Soberano: “Sou seu inimigo, ó monte Seir; levantarei minha mão contra você para destruí-lo completamente.
4 Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.
4 Transformarei suas cidades em ruínas e as deixarei desoladas. Então você saberá que eu sou o S
5 “ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no
5 “Seu ódio profundo dos israelitas o levou a matá-los quando estavam indefesos, quando eu já os havia castigado por todos os seus pecados.
6 nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo.
6 Tão certo como eu vivo, diz o S enhor Soberano, visto que vocês não mostraram aversão alguma ao sangue derramado, eu derramarei o seu sangue. Sua vez chegou!
7 Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ.
7 Deixarei o monte Seir completamente desolado e matarei todos que tentarem escapar e qualquer um que voltar.
8 Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu.
8 Encherei seus montes de cadáveres; suas colinas, seus vales e seus desfiladeiros ficarão cobertos de gente morta à espada.
9 Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.
9 Eu o deixarei desolado para sempre; suas cidades jamais serão reconstruídas. Então você saberá que eu sou o S enhor .
10 “ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me Awurade mete hɔ;
10 “Pois você disse: ‘As terras de Israel e Judá serão minhas. Sim, tomarei posse delas. Que me importa se o S enhor está ali?’.
11 enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn.
11 Portanto, tão certo como eu vivo, diz o S enhor Soberano, eu lhe darei o castigo merecido por sua ira, sua inveja e seu ódio. Eu me revelarei a Israel por meio daquilo que fizer a você.
12 Afei wubehu sɛ me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.”
12 Então você saberá que eu, o S enhor , ouvi todas as palavras de desprezo que você pronunciou contra os montes de Israel. Pois você disse: ‘Estão desolados; foram entregues a mim como alimento!’.
13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee.
13 Com essas palavras, você se exaltou diante de mim, e eu ouvi tudo!
14 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan.
14 “Assim diz o S enhor Soberano: O mundo todo se alegrará quando eu o deixar desolado.
15 Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”
15 Você se alegrou com a desolação do território de Israel, e agora me alegrarei com sua desolação. Você, povo no monte Seir, e todos que vivem em Edom serão exterminados! Então saberão que eu sou o S enhor .”

Ler em outra tradução

Comparar com outra

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Ezequiel 35, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.