Deuteronômio 27
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs ARC
1 Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.
1 E deram ordem, Moisés e os anciãos, ao povo de Israel, dizendo: Guardai todos estes mandamentos que hoje vos ordeno:
2 Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho.
2 Será, pois, que, no dia em que passares o Jordão à terra que te der o Senhor , teu Deus, levantar-te-ás umas pedras grandes e as caiarás.
3 Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.
3 E, havendo-o passado, escreverás nelas todas as palavras desta lei, para entrares na terra que te der o Senhor , teu Deus, terra que mana leite e mel, como te disse o Senhor , Deus de teus pais.
4 Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho.
4 Será, pois, que, quando houveres passado o Jordão, levantareis estas pedras, que hoje vos ordeno, no monte Ebal, e as caiarás.
5 Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka.
5 E ali edificarás um altar ao Senhor , teu Deus, um altar de pedras; não alçarás ferro sobre elas.
6 Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
6 De pedras inteiras edificarás o altar do Senhor , teu Deus; e sobre ele oferecerás holocaustos ao Senhor , teu Deus.
7 Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.
7 Também sacrificarás ofertas pacíficas, e ali comerás perante o Senhor , teu Deus, e te alegrarás.
8 Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”
8 E, nestas pedras, escreverás todas as palavras desta lei, exprimindo-as bem.
9 Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo.
9 Falou mais Moisés, juntamente com os sacerdotes levitas, a todo o Israel, dizendo: Escuta e ouve, ó Israel! Neste dia, vieste a ser por povo ao Senhor , teu Deus.
10 Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”
10 Portanto, obedecerás à voz do Senhor , teu Deus, e farás os seus mandamentos e os seus estatutos que hoje te ordeno.
11 Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:
11 E Moisés deu ordem, naquele dia, ao povo, dizendo:
12 Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no.
12 Quando houverdes passado o Jordão, estes estarão sobre o monte Gerizim, para abençoarem o povo: Simeão, e Levi, e Judá, e Issacar, e José, e Benjamim.
13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.
13 E estes estarão, para amaldiçoar, sobre o monte Ebal: Rúben, e Gade, e Aser, e Zebulom, e Dã, e Naftali.
14 Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:
14 E os levitas protestarão a todo o povo de Israel em alta voz e dirão:
15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.”
15 Maldito o homem que fizer imagem de escultura ou de fundição, abominação ao Senhor , obra da mão do artífice, e a puser em um lugar escondido! E todo o povo responderá e dirá: Amém!
16 “Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.”
16 Maldito aquele que desprezar a seu pai ou a sua mãe! E todo o povo dirá: Amém!
17 “Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.”
17 Maldito aquele que arrancar o termo do seu próximo! E todo o povo dirá: Amém!
18 “Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.”
18 Maldito aquele que fizer que o cego erre do caminho! E todo o povo dirá: Amém!
19 “Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.”
19 Maldito aquele que perverter o direito do estrangeiro, do órfão e da viúva! E todo o povo dirá: Amém!
20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.”
20 Maldito aquele que se deitar com a mulher de seu pai, porquanto descobriu a ourela de seu pai! E todo o povo dirá: Amém!
21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”
21 Maldito aquele que se deitar com algum animal! E todo o povo dirá: Amém!
22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.”
22 Maldito aquele que se deitar com sua irmã, filha de seu pai ou filha de sua mãe! E todo o povo dirá: Amém!
23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.”
23 Maldito aquele que se deitar com sua sogra! E todo o povo dirá: Amém!
24 “Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.”
24 Maldito aquele que ferir o seu próximo em oculto! E todo o povo dirá: Amém!
25 “Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”
25 Maldito aquele que tomar suborno para matar a alguma pessoa inocente! E todo o povo dirá: Amém!
26 “Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.”
26 Maldito aquele que não confirmar as palavras desta lei, não as cumprindo! E todo o povo dirá: Amém!
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Deuteronômio 27, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.