2 Samuel 9
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs NVT
1 Da bi, Dawid pɛɛ sɛ obehu sɛ obi aka wɔ Saulo fi ana. Efisɛ na wahyɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn adɔe.
1 Certo dia, Davi perguntou: “Resta alguém da família de Saul, a quem eu possa mostrar bondade por causa de Jônatas?”.
2 Ɔfrɛɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Siba a na anka ɔfra Saulo asomfo mu. Na ɔhene bisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Siba no ana?”
2 Havia um servo da família de Saul, cujo nome era Ziba, e o trouxeram a Davi. “Você é Ziba?”, perguntou o rei. “Sim, seu servo, meu senhor!”, respondeu Ziba.
3 Ɔhene no bisaa no se, “Obi aka wɔ Saulo fi ana? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔe a efi Onyankopɔn wɔ ɔkwan biara a metumi so.”
3 Então o rei lhe perguntou: “Resta alguém da família de Saul? Se resta, gostaria de mostrar a bondade de Deus para com ele”. “Um dos filhos de Jônatas ainda está vivo”, respondeu Ziba. “Ele é aleijado dos dois pés.”
4 Ɔhene bisae se, “Ɔwɔ he?”
4 “Onde ele está?”, perguntou o rei. Ziba respondeu: “Em Lo-Debar, na casa de Maquir, filho de Amiel”.
5 Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no fii Amiel babarima Makir fi wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
5 Então Davi mandou buscá-lo na casa de Maquir.
6 Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nena. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopo kotow no, kae se, “Meyɛ wo somfo.”
6 Seu nome era Mefibosete, filho de Jônatas, filho de Saul. Quando compareceu diante de Davi, curvou-se com o rosto no chão. Davi disse: “Saudações, Mefibosete”. Mefibosete respondeu: “Aqui está seu servo, meu senhor!”.
7 Dawid ka kyerɛɛ no se, “Nsuro, na nea ɛbɛyɛ biara no, esiane wʼagya Yonatan nti, mɛyɛ wo adɔe. Nsase a na ɛyɛ wo nena Saulo agyapade no nyinaa, mɛsan de ama wo, na woadidi me didipon so daa daa.”
7 “Não tenha medo”, disse Davi. “Quero mostrar bondade a você por causa de Jônatas, seu pai. Vou lhe dar todas as terras que pertenciam a seu avô Saul, e você comerá sempre aqui comigo, à mesa do rei.”
8 Mefiboset bɔɔ ne mu ase kae se, “Hena ne me, ɔkraman funu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ me saa adɔe yi?”
8 Mefibosete se prostrou e disse: “Quem é seu servo, para que o senhor mostre bondade a alguém como eu, que não vale mais que um cão morto?”.
9 Ɔhene frɛɛ ne somfo Siba, ka kyerɛɛ no se, “Mede biribiara a na ɛyɛ Saulo ne ne fifo agyapade no nyinaa ama wo wura Saulo nenabarima no.
9 Então o rei mandou chamar Ziba, servo de Saul, e disse: “Dei ao neto de seu senhor tudo que pertencia a Saul e sua família.
10 Wo ne wo mmabarima ne mo asomfo na mobɛdɔw asase no, ayɛ so mfuw ama no, na wanya aduan ama ne fifo. Na Mefiboset de, ɔne me bɛtena mʼahemfi ha.”
10 Você, seus filhos e servos cultivarão a terra para ele, a fim de produzir alimento para a casa de seu senhor. Mefibosete, neto de seu senhor, comerá sempre à minha mesa”. Ziba tinha quinze filhos e vinte servos.
11 “Me wura pa, asɛm a woaka akyerɛ me no nyinaa, medi so.” Na efi saa bere no, Mefiboset ne Dawid didii daa te sɛnea ɔyɛ nʼasen mu ba.
11 “Sou seu servo”, respondeu Ziba. “Farei tudo que meu senhor, o rei, mandou.” E, daquele momento em diante, Mefibosete passou a comer à mesa de Davi, como se fosse um de seus filhos.
12 Na Mefiboset wɔ ɔba abarimaa bi a ne din de Mika. Na efi saa bere no, Siba fifo nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset asomfo.
12 Mefibosete tinha um filho ainda jovem chamado Mica. Daquele momento em diante, todos os membros da casa de Ziba se tornaram servos de Mefibosete.
13 Na Mefiboset a ɔyɛ obubuafo no tu kɔɔ Yerusalem kɔtenaa ahemfi hɔ.
13 E Mefibosete, que era aleijado dos dois pés, morava em Jerusalém e comia sempre à mesa do rei.
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 2 Samuel 9, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.