1 Reis 20
Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ (TWI) vs NVT
1 Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafo aduasa abien de ka ne ho. Wokotuaa Israel kuropɔn Samaria ano, tow hyɛɛ so.
1 Por esse tempo, Ben-Hadade, rei da Síria, mobilizou seu exército com o apoio de 32 reis aliados e seus carros de guerra e cavalos. Eles cercaram Samaria e a atacaram.
2 Ben-Hadad somaa abɔfo kɔɔ kurow no mu, sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab se, “Ben-Hadad se,
2 Ben-Hadade enviou mensageiros à cidade para dizer a Acabe, rei de Israel: “Assim diz Ben-Hadade:
3 ‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me de. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu apapa no nso yɛ me de.’ ”
3 ‘Sua prata e seu ouro são meus, bem como suas esposas e os melhores de seus filhos’”.
4 Ahab buae se, “Mate, me wura! Nea mewɔ nyinaa yɛ wo de.”
4 “Está bem, ó meu senhor, o rei”, respondeu o rei de Israel. “Tudo que tenho é seu.”
5 Ankyɛ biara Ben-Hadad abɔfo san baa bio bɛkae se, “Ben-Hadad se, ‘Maka dedaw sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me.
5 Pouco depois, os mensageiros voltaram e disseram: “Assim diz Ben-Hadade: ‘Já exigi que entregasse sua prata, seu ouro, suas esposas e seus filhos.
6 Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma me mpanyimfo, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfi ne mo nkurɔfo afi. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ”
6 Mas amanhã, a esta hora, enviarei meus oficiais para vasculharem seu palácio e as casas de seus oficiais e tomarem tudo que considerarem de valor’”.
7 Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofo no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ sɛnea saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dedaw sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
7 Então Acabe convocou todas as autoridades de Israel e lhes disse: “Vejam como esse homem quer nossa desgraça! Já concordei em lhe entregar minhas esposas, meus filhos, minha prata e meu ouro!”.
8 Ntuanofo ne nnipa no nyinaa kae se, “Ntie no, na nnye nʼabisade no nto mu.”
8 “Não ceda a nenhuma outra exigência!”, aconselharam as autoridades e o povo.
9 Enti Ahab ka kyerɛɛ abɔfo a wofi Ben-Hadad nkyɛn bae no se, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene se, ‘Biribiara a obisaa kan no de, mede bɛma no. Na nea obisaa no akyiri yi de, merentumi mfa mma no.’ ” Enti Ben-Hadad abɔfo no san kɔbɔɔ no amanneɛ.
9 Portanto, Acabe respondeu aos mensageiros de Ben-Hadade: “Digam ao meu senhor, o rei: ‘Eu lhe darei tudo que pediu da primeira vez, mas não posso aceitar sua última exigência’”. Os mensageiros voltaram a Ben-Hadade com essa resposta.
10 Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfutuma dodow bi ka a ɛbɛboro asraafo no mu biara nsa ma a, anyame no ntwe mʼaso nea ɛyɛ den.”
10 Então Ben-Hadade enviou a seguinte mensagem a Acabe: “Que os deuses me castiguem severamente se restar pó suficiente de Samaria para dar um punhado a cada um de meus soldados!”.
11 Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofo kɛse a ɔrefa nʼafoa akɔ akono tu ne ho sɛ ɔkofo kɛse a wadi nkonim dedaw.”
11 O rei de Israel respondeu: “O guerreiro que se arma com sua espada para lutar não deve se vangloriar como o guerreiro que já venceu”.
12 Ahab mmuae yi duu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom bere a na wɔrenom nsa wɔ wɔn ntamadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no se, “Munsiesie mo ho nkɔko.” Enti wosiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔtow ahyɛ kuropɔn no so.
12 A resposta de Acabe chegou a Ben-Hadade e aos outros reis quando bebiam em suas tendas. “Preparem-se para atacar!”, ordenou Ben-Hadade a seus oficiais. E eles se prepararam para atacar a cidade.
13 Na odiyifo bi behuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Wuhu saa atamfo dɔm yi? Nnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wubehu sɛ mene Awurade.’ ”
13 Enquanto isso, um profeta foi a Acabe, rei de Israel, e lhe disse: “Assim diz o S enhor : ‘Está vendo esse enorme exército inimigo? Hoje eu o entregarei em suas mãos. Com isso, você saberá que eu sou o S enhor ’”.
14 Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ”
14 Acabe perguntou: “Por meio de quem ele fará isso acontecer?”. O profeta respondeu: “Assim diz o S “Devemos atacar primeiro?”, perguntou Acabe. “Sim”, respondeu o profeta.
15 Enti Ahab boaboaa asraafo so asahene nkumaa ahannu aduasa abien wɔhyehyɛ amansin asahene ase ano. Afei, ɔfrɛɛ Israel akofo a wɔaka a wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ason no.
15 Então Acabe convocou os 232 soldados dos comandantes das províncias. Em seguida, reuniu o restante do exército de Israel, cerca de sete mil homens.
16 Ɛbɛyɛ owigyinae a Ben-Hadad ne nʼapamfo ahemfo aduasa abien gu so rebow nsa wɔ wɔn ntamadan mu no,
16 Por volta do meio-dia, quando Ben-Hadade e os 32 reis aliados ainda estavam em suas tendas, bebendo até ficarem bêbados,
17 amansin asahene asraafo no tuu teɛe, fii kurow no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafo ka kyerɛɛ no se, “Asraafo dɔm bi fi Samaria reba.”
17 o primeiro contingente, formado pelos soldados dos comandantes das províncias, saiu da cidade. Quando eles se aproximavam, os espiões de Ben-Hadade o avisaram: “Há alguns soldados vindo de Samaria”.
18 Ben-Hadad hyɛe se, “Sɛ wɔbaa asomdwoe anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”
18 Ele ordenou: “Quer tenham vindo em paz, quer para guerrear, tragam esses soldados com vida!”.
19 Nanso saa bere no, na Ahab amansin asahene nkumaa no adi kan a asraafo no bɔ wɔn kyidɔm
19 Os soldados dos comandantes das províncias de Acabe e todo o exército haviam saído para lutar.
20 a Israel ɔsraani biara kum ne tamfo Aram ɔsraani a ɔne no dii asi. Ɛno nti, amono mu hɔ ara, Aram asraafo no bɔɔ hu, guanee. Israelfo no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfo kakra bi de, wɔtenaa apɔnkɔ so guanee.
20 Cada soldado israelita matou seu adversário sírio e, de repente, todo o exército sírio fugiu. Os israelitas os perseguiram, mas o rei Ben-Hadade e alguns dos cavaleiros fugiram a cavalo.
21 Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkum Aramfo no.
21 O rei de Israel destruiu os outros cavalos e carros de guerra e massacrou os sírios.
22 Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ Ahab se, “Siesie wo ho ma ɔko foforo na Aramhene bɛba asusowbere mu.”
22 Depois disso, o profeta disse ao rei Acabe: “Prepare-se para outro ataque. Comece a planejar desde já, pois o rei da Síria voltará na virada do ano”.
23 Wodii Ben-Hadad so no, ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ no se, “Israel anyame no yɛ mmepɔw anyame, na ɛno nti na ɛma wodii nkonim no. Na sɛ wodu tataw so a, yebedi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa.
23 Depois da derrota, os oficiais de Ben-Hadade lhe disseram: “Os deuses israelitas são deuses dos montes; por isso venceram. Mas podemos derrotá-los com facilidade nas planícies.
24 Nea ɛho hia ara ne sɛ, saa bere yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no anan mu.
24 Desta vez, porém, substitua os reis por outros comandantes.
25 Momfa asraafo foforo a wɔn dodow te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodow, nteaseɛnam ne mmarima dodow saa ara, na yebetumi ne wɔn adi asi wɔ tataw so. Akyinnye biara nni ho sɛ yebedi wɔn so.” Enti ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisade maa wɔn.
25 Reúna outro exército como o que o senhor perdeu. Dê-nos o mesmo número de cavalos e carros de guerra, e lutaremos contra os israelitas nas planícies. Certamente os derrotaremos!”. O rei Ben-Hadade fez conforme aconselharam.
26 Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafo, tuu teɛ kɔɔ Israelfo so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko.
26 Na virada do ano, convocou o exército sírio e marchou novamente contra Israel, dessa vez em Afeque.
27 Israel boaboaa nʼasraafo ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel asraafo no toto Aram asraafo no dodow a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel asraafo no dodow te sɛ mmirekyikuw nketewa abien bi.
27 Israel reuniu seu exército, organizou linhas de abastecimento e saiu para lutar. Mas, em comparação com o enorme exército sírio que cobria todo o campo, os israelitas pareciam dois pequenos rebanhos de cabras.
28 Onyankopɔn nipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Aramfo no aka se, ‘Awurade yɛ mmepɔw Awurade na ɔnyɛ tataw so Awurade. Enti mɛboa wo ama woadi asraafo buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahu sɛ, mene Awurade no.’ ”
28 O homem de Deus foi ao rei de Israel e lhe disse: “Assim diz o S enhor : ‘Os sírios pensam que o S enhor é um deus dos montes, e não das planícies. Por isso, entregarei todo o enorme exército sírio em suas mãos. Então vocês saberão que eu sou o S enhor ’”.
29 Asraafo dɔm abien yi bobɔɔ wɔn atenae, ma edii nhwɛanim nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ ase. Da no ara, Israelfo no kunkum Aram anammɔnmufo asraafo no mpem ɔha.
29 Os dois exércitos acamparam um de frente para o outro durante sete dias e, no sétimo dia, a batalha começou. Os israelitas mataram cem mil soldados de infantaria dos sírios em um só dia.
30 Nkae no guan kɔtɛw Afek fasu akyi, nanso ɔfasu no bu guu wɔn so, kum mpem aduonu ason. Ben-Hadad guan kɔtɛw kokoa mu dan bi mu wɔ kurow no mu.
30 O restante fugiu para a cidade de Afeque, mas o muro caiu sobre eles e matou mais 27 mil. Ben-Hadade fugiu para a cidade e se escondeu num quarto secreto.
31 Ben-Hadad mpanyimfo ka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔbɔ. Ɛno nti, momma yemfura atweaatam, mfa hama mmɔ yɛn ti ase mfa nkyerɛ ahobrɛase. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”
31 Os oficiais de Ben-Hadade lhe disseram: “Senhor, ouvimos que os reis de Israel são misericordiosos. Vamos nos humilhar, usar panos de saco na cintura e cordas na cabeça e nos render ao rei de Israel. Talvez ele deixe o senhor viver”.
32 Enti wofurafuraa atweaatam, de ahama bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisae se, “Ɔda so te ase ana? Ɔyɛ me nuabarima!”
32 Então vestiram panos de saco e cordas, foram ao rei de Israel e suplicaram: “Seu servo Ben-Hadade diz: ‘Peço que me deixe viver!’”. O rei de Israel respondeu: “Ele ainda está vivo? Ele é meu irmão!”.
33 Mmarima no yɛɛ ntɛm soo anidaso a enni nnyinaso yi mu, buae se, “Yiw, wo nua Ben-Hadad.”
33 Os homens interpretaram isso como um bom sinal e, aproveitando essas palavras, responderam: “Sim, seu irmão Ben-Hadade!”. “Vão buscá-lo”, disse o rei de Israel. E, quando Ben-Hadade chegou, Acabe o convidou para subir em sua carruagem.
34 Ben-Hadad ka kyerɛɛ no se, “Mede nkurow a mʼagya gye fii wʼagya nsam no bɛsan ama wo, na woahyehyɛ aguadi wɔ Damasko, sɛnea mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.”
34 Ben-Hadade lhe disse: “Devolverei as cidades que meu pai tomou de seu pai, e você poderá estabelecer centros de comércio em Damasco, como meu pai fez em Samaria”. Acabe disse: “Sob essas condições, eu o libertarei”. Então os dois fizeram um acordo, e Ben-Hadade foi liberto.
35 Bere no ara mu, Awurade see adiyifokuw no mu baako se, ɔnka nkyerɛ ɔfoforo se, “Fa wʼakode no bɔ me.” Nanso wanyɛ.
35 Enquanto isso, o S enhor instruiu um dos membros de um grupo de profetas a dizer a outro: “Dê um soco em mim!”, mas o homem se recusou a fazê-lo.
36 Na saa odiyifo no ka kyerɛɛ ɔfoforo no se, “Sɛ woantie Awurade nne nti, sɛ wufi ha ara pɛ a, gyata bekum wo.” Ampa ara, ofii hɔ ara pɛ na gyata huu no kum no.
36 Então o profeta lhe disse: “Como você não obedeceu à voz do S enhor , um leão o matará assim que você sair daqui”. E, quando ele partiu, um leão o atacou e o matou.
37 Na odiyifo no kɔɔ ɔbarima foforo nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wʼakode yi bɔ me.” Ɔno de, ɔbɔɔ odiyifo no, piraa no.
37 Em seguida, o profeta se dirigiu a outro homem e disse: “Dê um soco em mim!”. O homem deu um soco no profeta e o feriu.
38 Odiyifo no twɛn ɔhene no wɔ ɔkwankyɛn a ɔde ntamabamma akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakra ne ho.
38 O profeta colocou uma faixa de pano sobre os olhos para se disfarçar e esperou pelo rei junto à estrada.
39 Ɔhene no retwa mu no, odiyifo no frɛɛ no se, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkae se, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi nti oguan a, wobekum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa awotwe.’
39 Quando o rei ia passando, o profeta gritou: “Eu, seu servo, estava no meio da batalha acirrada quando, de repente, alguém me trouxe um prisioneiro e disse: ‘Vigie este homem. Se ele escapar, você morrerá ou pagará uma multa de 35 quilos de prata!’.
40 Na bere a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no guanee. Na ɔhene no kae se, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomso. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ”
40 Contudo, enquanto eu estava ocupado fazendo outra coisa, o prisioneiro desapareceu”. “A culpa é sua”, respondeu o rei. “Você mesmo pronunciou sua condenação.”
41 Ɛhɔ ara na odiyifo no san ntamabamma no fii nʼani, na Israelhene no huu no sɛ ɔyɛ adiyifo no mu baako.
41 Então, sem demora, o profeta tirou a faixa dos olhos, e o rei de Israel reconheceu que era um dos profetas.
42 Na odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekae se, ɛsɛ sɛ wokum no no nti, ɛsɛ sɛ wokum wo mprempren si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo na mukunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfo na wobekunkum wɔn.”
42 O profeta lhe disse: “Assim diz o S enhor : ‘Uma vez que você poupou o homem que eu havia ordenado que fosse destruído, você deve morrer em lugar dele, e seu povo, em lugar do povo dele’”.
43 Israelhene no de abufuw kɔɔ nʼahemfi wɔ Samaria.
43 O rei de Israel foi para casa, em Samaria, indignado e aborrecido.
Atalhos do teclado
- Capítulo anterior←
- Próximo capítulo→
- Versículo anteriork
- Próximo versículoj
- Limpar seleçãoEsc
- Esta ajuda?
Estude este capítulo no WhatsApp
Peça à IA da Bíblia Fala para explicar 1 Reis 20, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.