1 Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;
2 Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;
3 Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie;
4 Woamma mʼani ankum;
5 Medwenee nna a atwam no ho,
6 mekaee me nnwom a na meto no anadwo.
7 “Enti, Awurade bɛpo yɛn daa?
8 Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa?
9 Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa?
10 Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni,
11 Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;
12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho
13 Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn.
14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ;
15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ,
16 Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo,
17 Omununkum tɔɔ nsuo,
18 Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu,
19 Wode wo kwan faa ɛpo mu,
20 Wonam Mose ne Aaron so