1 Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,
2 Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ
3 “Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma
4 “Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;
5 Adamfo daadaa adamfo,
6 Wote nnaadaa mfimfini;
7 Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ,
8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;
9 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”
10 Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,
11 “Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,
12 Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?
13 Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.
14 Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”
15 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.
16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”
17 Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:
18 Ma wɔmmra ntɛm
19 Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,
20 Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;
21 Owuo aforo afa yɛn mpomma mu
22 Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,
23 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
24 Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
25 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
26 Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”