1 “Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”
2 Deɛ Awurade seɛ nie:
3 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,
4 Mede wo bɛsi hɔ bio
5 Bio, mobɛyɛ bobe nturo
6 Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam
7 Deɛ Awurade seɛ nie:
8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba
9 Wɔde esu na ɛbɛba;
10 “Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;
11 Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob
12 Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
13 Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,
14 Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,
15 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
16 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
17 Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.”
18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,
19 Memaneeɛ akyi no,
20 Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?
21 “Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho;
22 Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn,
23 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’
24 Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.
25 Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”
26 Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.
27 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie.
28 Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
29 Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,
30 Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.
31 “Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,
32 Ɛrenyɛ sɛ apam a
33 “Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,”
34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
35 Yei ne deɛ Awurade seɛ,
36 “Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,”
37 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
38 “Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.
39 Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.
40 Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”