1 Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:
2 “Yuda di awerɛhoɔ
3 Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;
4 Asase no apaapae
5 Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so
6 Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so
7 Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
8 Ao, Israel Anidasoɔ,
9 Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
10 Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
11 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.
12 Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13 Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
14 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
15 Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.
16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
19 Woapo Yuda kora anaa?
20 Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu
21 Na wo din enti mmu yɛn animtia;
22 Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa?