1 Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a
2 Woadua wɔn, na wɔagye nhini;
3 Nanso, wonim me, Ao Awurade;
4 Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn?
5 “Sɛ wo ne mmarima tu mmirika
6 Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ,
7 “Magya me nkurɔfoɔ,
8 Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ
9 Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a
10 Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,
11 Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a
12 Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,
13 Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;
14 Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu.
15 Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.
16 Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.
17 Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.