1 Na Temanni Elifas buaa sɛ,
2 “Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa?
3 Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya?
4 “Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim
5 Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ?
6 Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara;
7 Woamma abrɛfoɔ nsuo annom
8 Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase,
9 Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan
10 Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia,
11 adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ,
12 “Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri?
13 Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?
14 Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn
15 Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a
16 Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso,
17 Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn!
18 Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu,
19 Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye;
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ,
21 “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu;
22 Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,
23 Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:
24 na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu
25 ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;
26 Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu
27 Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo,
28 Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,
29 Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a,
30 Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo,