1 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”
2 Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,
3 “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
4 Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,
5 “Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.
6 Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.
7 “ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so:
8 Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.
9 Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:
10 Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu
11 Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio
12 Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam,
13 Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,
14 Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;
15 Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?
16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa
17 Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti
18 Damena rentumi nkamfo wo;
19 Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,
20 Awurade bɛgye me nkwa,
21 Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”
22 Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”