1 “Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,”
2 wɔn a wɔkɔ Misraim
3 nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo.
4 Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan
5 nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase
6 Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho:
7 de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ.
8 Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn
9 Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ,
10 Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ,
11 Momfiri saa tempɔn yi so,
12 Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:
13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ
14 Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.
15 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:
16 Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’
17 Apem bɛdwane
18 Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
19 Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.
20 Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”
22 Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”
23 Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ.
24 Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu.
25 Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.
26 Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.
27 Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba,
28 Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm,
29 Na mobɛto dwom
30 Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne,
31 Awurade nne bɛdwerɛ Asiria;
32 Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu,
33 Wɔasiesie Topet dadaada;