Ezequiel 27

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ (TWIASANTE)

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.

3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:

4 Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;

5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa

6 Odum nnua a ɛfiri Basan

7 Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini

8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;

9 Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu

10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima

11 Arwad ne Helek mmarima

12 “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.

13 “ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.

14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.

15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.

16 “ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.

17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.

18 “ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.

19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.

20 “ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.

21 “ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.

22 “ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.

23 “ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.

24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.

25 “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma

26 Wʼaharefoɔ no fa wo

27 Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ

28 Mpoano asase bɛwoso

29 Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa

30 Wɔbɛma wɔn ɛnne so

31 Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa

32 Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,

33 Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no

34 Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete

35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa

36 Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so

Ler em outra tradução

Comparar lado a lado

Estude este capítulo no WhatsApp

Peça à IA da Bíblia Fala para explicar Ezequiel 27, comparar traduções ou montar um estudo — tudo direto pelo WhatsApp.